Anda di halaman 1dari 2

Aku Sika

Ɔpanyin bi waree ne yere ne no tenaa mfeɛ bebree. Awoɔ ho yɛɛ den maa wɔn,

nanso akyire yi Onyame maa wɔn ba baa bi a wɔtoo ne din Aku. Aku ahoɔfɛ nti na

obiara pɛ n’asɛm. Awerɛhosɛm ne sɛ Aku maame woeɛ no, anni nnaanu anni nnansa

na ɔfirii mu. Aku papa asɛm yɛɛ awerɛho, nanso ɔbɛyɛ no dɛn? Ɔde animia hwɛɛ Aku

maa akwadaa yi nyini bɛyɛɛ ababaawa hoɔfɛfoɔ wɔ kuro no mu.

Aku nyiniiɛ no, awerɛhosɛm a ɛtɔ so mmienu: Da bi anɔpa na Aku papa buee

dadefidie bi mu sɛ ɔresɔ ahwɛ na sɛ ɛwɔ ahoɔden a, wakɔsum wɔ n’afuom de ayi

nkranteɛ bi a na wɔretwa n’aburoo. Ɔbuee fidie yi mu no, ne werɛ fii sɛ ɔbɛsan aka ato

mu. Papa yi wuraa dan mu ara na Aku kɔduruu fidie yi ho. Ɔkotoo sɛ ɔrema so ato baabi

foforɔ ara na ne nsa nifa kɔhyɛɛ mu. Fidie yi miaa Aku nsa maa ɔteaa mu. Ne papa

duruu hɔ no, na ne ba no nsa nifa so atwa hyɛ fidie no mu. Agya waadwo!

Ɛfiri saa berɛ no, Aku de ntoma kataa ne nsa a ɛso atwa no so. Ne papa dii asɛm

yi ho yea maa nna kakraa bi akyi no ɔno nso wu gyaa Aku. Aku bɛyɛɛ agyanka a ɔnni

boafoɔ biara, nanso sɛ Onyame wɔ w’afa a, biribiara bɛyɛ yie. Da koro bi a Ɔmanhene

ani bɔɔ Aku so no, ɔkaa sɛ ɛdane sɛ boɔ ma boɔ dane a, ɔbɛware no. Ɔmanhene hyɛɛ

aseɛ totoo nneɛma.

Berɛ soo sɛ Aku bɛkɔ awareɛ ase no, Ɔmanhene yere panin no kɔɔ Nana anim

kɔbɔɔ Aku kwaadu. Ɔkaa sɛ: “Me Wura, meka Ntam Kɛseɛ sɛ Aku yɛ nsasin. Sɛ wose

meboa a, hyɛ da bi ma wo yerenom mmɛsi aburoo wɔ abɔnten so na obiara nhwɛ sɛ

Aku bɛtumi de ne nsa mmienu asi a, yɛbɛhu.” Ɔmanhene ho dwirii no, enti ɔhyɛɛ da bi

sɛ ne manfoɔ bɛbɔ dwa ama ne yerenom abɛsi aburoo ama obiara ahwɛ.

Aku tee asɛm no, ɔyɛɛ n’adwen sɛ ɔbɛkɔ akɔtɔ asuom awu ɛfiri sɛ fɛreɛ ne owuo

deɛ, fanyinam wuo. Ɔsiesiee ne ho anɔpa bi nante kɔɔ asubɔnten bi ho. Ɔduruu hɔ no,

1
ɔhuu ɔdɛnkyɛm kakraka bi a wabue n’anom. Ɛhɔ ara na ɔtee nne bi sɛ: “Aku, mmɔ hu

koraa. Fa wo nsa a ɛso atwa no hyɛ ɔdɛnkyɛm no anom.” Ɔyɛɛ saa no, ne nsa no

bɛtoaa so maa sika futuro twaa ho hyiae. Aku de anigyeɛ san kɔɔ fie.

Berɛ soeɛ no, ɔmanfoɔ bɔɔ dwa kɛseɛ bi. Ɔmanhene yere panin no de ne nsa

mmienu sii n’aburoo anigyeɛ so. Ankyɛ na Aku nso baeɛ. Ɔde ne nsa benkum sii aburoo

no berɛ a na ne nsa nifa hyɛ ntoma mu. Ɔmanfoɔ teateaa mu: “Aku, yi wo nsa firi ntoma

no mu na yɛnhwɛ!” Aku paa ntoma no gu hyɛɛ aseɛ sɛ ɔde ne nsa mmienu resi aburoo

no. Obiara bɔ gyee Aku so. Afei, Ɔmanhene yere panin na ne ho repopo yi. Waka ntam

adi torɔ enti ɛsɛ sɛ ɔde ne ti gyeɛ. Ɛhɔ ara na Ɔhene abrafoɔ doaa no kɔyɔ maa no.

Anda mungkin juga menyukai